5 Mose 27:11
Deuteronomy 27:11 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Saa ɛda no ara, Mose hyɛɛ ɔmanfoɔ no sɛ,
Deuteronomy 27:11 in English
Deuteronomy 27:11 · Berean Standard Bible
On that day Moses commanded the people:
Context
9Afei, Mose ne Lewifoɔ asɔfoɔ kasa kyerɛɛ Israelfoɔ no sɛ, “Ao Israel, monyɛ komm na montie! Ɛnnɛ, moabɛyɛ Awurade, mo Onyankopɔn manfoɔ. 10Monyɛ ɔsetie mma Awurade, mo Onyankopɔn, na monni ne mmara ne nʼahyɛdeɛ a mede rema mo ɛnnɛ yi so.” 11Saa ɛda no ara, Mose hyɛɛ ɔmanfoɔ no sɛ, 12Sɛ motwa Asubɔnten Yordan a, Simeon, Lewi, Yuda, Isakar, Yosef ne Benyamin mmusuakuo na wɔnnyina Gerisim bepɔ so nhyira ɔman no. 13Ruben, Gad, Aser, Sebulon, Dan ne Naftali mmusuakuo nso nnyina Ebal bepɔ so nnome.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.