5 Mose 25:10
Deuteronomy 25:10 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Wɔbɛfrɛ saa onipa no asefoɔ wɔ Israel sɛ abusua a wɔaworɔ wɔn mpaboa.
Deuteronomy 25:10 in English
Deuteronomy 25:10 · Berean Standard Bible
And his family name in Israel will be called “The House of the Unsandaled.”
Context
8Afei, ɔbarima no kurom mpanimfoɔ bɛfrɛ no akasa akyerɛ no. Sɛ ɔse pene ara na ɔrempene no so a, ɔbɛka sɛ, “Mempɛ sɛ meware no” a, 9okunafoɔ no bɛkɔ ɔbarima no anim a mpanimfoɔ no nso wɔ hɔ bi. Ɔbɛworɔ ɔbarima no mpaboa baako, ate ntasuo agu nʼanim na waka sɛ, “Sei na ɛsɛ sɛ wɔyɛ ɔbarima a ɔmpɛ sɛ ɔtoa ne nua abusua so.” 10Wɔbɛfrɛ saa onipa no asefoɔ wɔ Israel sɛ abusua a wɔaworɔ wɔn mpaboa. 11Sɛ Israelfoɔ mmarima baanu reko na wɔn mu baako yere pɛ sɛ ɔboa ne kunu enti, ɔsɔ ɔbarima baako no barima mu a, 12ɛsɛ sɛ wɔtwa ɔbaa no nsa no a ahummɔborɔ biara nni mu.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.