5 Mose 25:8
Deuteronomy 25:8 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Afei, ɔbarima no kurom mpanimfoɔ bɛfrɛ no akasa akyerɛ no. Sɛ ɔse pene ara na ɔrempene no so a, ɔbɛka sɛ, “Mempɛ sɛ meware no” a,
Deuteronomy 25:8 in English
Deuteronomy 25:8 · Berean Standard Bible
Then the elders of his city shall summon him and speak with him. If he persists and says, “I do not want to marry her,”
Context
6Abakan a wɔbɛwo no no, wɔde no bɛto nʼagya a wawuo no sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, owufoɔ no din rempepa mfiri Israel. 7Na sɛ ɛba sɛ owufoɔ no nuabarima mpɛ sɛ ɔware ne nua no yere no a, ɔbaa no bɛkɔ kuro no mpanimfoɔ nkyɛn wɔ kuro no ɛpono ano akɔka akyerɛ wɔn sɛ, “Me kunu nua no mpɛ sɛ ne nua no din bɛka Israel. Ɔrentumi nyɛ okunu nua asɛdeɛ mma me.” 8Afei, ɔbarima no kurom mpanimfoɔ bɛfrɛ no akasa akyerɛ no. Sɛ ɔse pene ara na ɔrempene no so a, ɔbɛka sɛ, “Mempɛ sɛ meware no” a, 9okunafoɔ no bɛkɔ ɔbarima no anim a mpanimfoɔ no nso wɔ hɔ bi. Ɔbɛworɔ ɔbarima no mpaboa baako, ate ntasuo agu nʼanim na waka sɛ, “Sei na ɛsɛ sɛ wɔyɛ ɔbarima a ɔmpɛ sɛ ɔtoa ne nua abusua so.” 10Wɔbɛfrɛ saa onipa no asefoɔ wɔ Israel sɛ abusua a wɔaworɔ wɔn mpaboa.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.