Native Bible

Deuteronomy 23:12 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Montwa baabi a mobɛgya mo anan wɔ asraafoɔ atenaeɛ hɔ.

Deuteronomy 23:12 in English

Deuteronomy 23:12 · Berean Standard Bible

You must have a place outside the camp to go and relieve yourself.

Context

10Sɛ ɔbarima bi ho gu fi ɛsiane anadwo mu ahobaa a, ɛsɛ sɛ ɔfiri atenaeɛ hɔ kɔtena baabi ɛda mu no nyinaa. 11Ɛduru anwummerɛ a, ɛsɛ sɛ ɔdware na owia kɔtɔ a, ɔnsane mmra atenaeɛ hɔ. 12Montwa baabi a mobɛgya mo anan wɔ asraafoɔ atenaeɛ hɔ. 13Mo mu biara mfa sofi nka ne nneɛma ho. Ɛberɛ biara a mobɛgya mo anan no, momfa sofi no ntu amena na monkata agyanan no so. 14Ɛsɛ sɛ asraafoɔ atenaeɛ hɔ yɛ kronkron, ɛfiri sɛ, Awurade, mo Onyankopɔn, nam mo atenaeɛ no so bɔ mo ho ban, na moadi mo atamfoɔ so nkonim. Ɛnsɛ sɛ ɔhunu animguasedeɛ biara wɔ mo mu; sɛ ɛba saa a, ɔbɛdane nʼakyi akyerɛ mo.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.