Native Bible

Deuteronomy 16:18 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Monsisi atemmufoɔ ne mpanimfoɔ mfiri mo mmusuakuo biara mu wɔ nkuro a Awurade, mo Onyankopɔn de rema mo no mu. Wɔbɛbu atɛntenenee wɔ nsase no nyinaa so.

Deuteronomy 16:18 in English

Deuteronomy 16:18 · Berean Standard Bible

You are to appoint judges and officials for your tribes in every town that the LORD your God is giving you. They are to judge the people with righteous judgment.

Context

16Afe biara mu, ɛsɛ sɛ mo mmarima hyia wɔ mo Awurade, mo Onyankopɔn anim baabi a ɔbɛyi no mprɛnsa de ma Apiti Afahyɛ, Otwa berɛ Afahyɛ ne Asese Afahyɛ no. Ɛnsɛ sɛ obiara ba Awurade anim nsapan. 17Obiara mma deɛ ne nsa bɛso so wɔ sɛdeɛ Awurade mo Onyankopɔn ahyira no. 18Monsisi atemmufoɔ ne mpanimfoɔ mfiri mo mmusuakuo biara mu wɔ nkuro a Awurade, mo Onyankopɔn de rema mo no mu. Wɔbɛbu atɛntenenee wɔ nsase no nyinaa so. 19Mommmu ntɛnkyea da biara da. Monnnye adanmudeɛ, ɛfiri sɛ, adanmudeɛ fira anyansafoɔ ani ma wɔsi gyinaeɛ de tia onyamesuroni asɛm. 20Momma asɛntenenee nna adi sɛdeɛ ɛbɛma moatumi atena asase a Awurade mo Onyankopɔn de rema mo no so.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.