5 Mose 16:17
Deuteronomy 16:17 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Obiara mma deɛ ne nsa bɛso so wɔ sɛdeɛ Awurade mo Onyankopɔn ahyira no.
Deuteronomy 16:17 in English
Deuteronomy 16:17 · Berean Standard Bible
Everyone must appear with a gift as he is able, according to the blessing the LORD your God has given you.
Context
15Nnanson na momfa nni saa afahyɛ yi mfa nhyɛ Awurade, mo Onyankopɔn, animuonyam wɔ baabi a ɔbɛyi, ɛfiri sɛ, Awurade mo Onyankopɔn na ɔma mo mfudeɛ bɔ pii na ɔhyira mo nnwuma nyinaa so. Saa afahyɛ yi yɛ ahosɛpɛ ma obiara. 16Afe biara mu, ɛsɛ sɛ mo mmarima hyia wɔ mo Awurade, mo Onyankopɔn anim baabi a ɔbɛyi no mprɛnsa de ma Apiti Afahyɛ, Otwa berɛ Afahyɛ ne Asese Afahyɛ no. Ɛnsɛ sɛ obiara ba Awurade anim nsapan. 17Obiara mma deɛ ne nsa bɛso so wɔ sɛdeɛ Awurade mo Onyankopɔn ahyira no. 18Monsisi atemmufoɔ ne mpanimfoɔ mfiri mo mmusuakuo biara mu wɔ nkuro a Awurade, mo Onyankopɔn de rema mo no mu. Wɔbɛbu atɛntenenee wɔ nsase no nyinaa so. 19Mommmu ntɛnkyea da biara da. Monnnye adanmudeɛ, ɛfiri sɛ, adanmudeɛ fira anyansafoɔ ani ma wɔsi gyinaeɛ de tia onyamesuroni asɛm.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.