Native Bible

Deuteronomy 14:20 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Nanso ntuboa a wɔn ho te nyinaa deɛ, monwe.

Deuteronomy 14:20 in English

Deuteronomy 14:20 · Berean Standard Bible

But you may eat any clean bird.

Context

18ne asukɔnkɔn ahodoɔ nyinaa, asɔkwaa ne apan. 19Ntuboa a wɔnante nyinaa ho nnte mma mo; monnwe. 20Nanso ntuboa a wɔn ho te nyinaa deɛ, monwe. 21Monnwe aboa bi a ɔno ankasa awuo. Momfa ma ɔhɔhoɔ a ɔne mo te, anaasɛ montɔn ma ɔnanani. Na mo ankasa deɛ, monnwe, ɛfiri sɛ, wɔayi mo asi nkyɛn sɛ ɔman kronkron ama Awurade, mo Onyankopɔn. Monnoa abirekyie ba wɔ ne maame nufosuo mu. 22Mo mfuo mu nnɔbaeɛ no, monyi mu ntotosoɔ dudu a ɛyɛ nkyɛmu edu mu baako wɔ mo nnɔbaeɛ mu afe biara otwaberɛ mu.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.