5 Mose 11:20
Deuteronomy 11:20 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Montwerɛ ngu mo afie aponnwa ne mo abɔntenpono ho,
Deuteronomy 11:20 in English
Deuteronomy 11:20 · Berean Standard Bible
Write them on the doorposts of your houses and on your gates,
Context
18Enti, momma me nsɛm yi ntena mo akoma mu. Momfa nkyekyere mo nsa sɛ nkaedeɛ na momfa mmɔ abotire. 19Monkyerɛkyerɛ mo mma. Sɛ mowɔ fie anaa monam ɛkwan so, sɛ moda hɔ anaa mosɔre anɔpa a, monkyerɛkyerɛ wɔn. 20Montwerɛ ngu mo afie aponnwa ne mo abɔntenpono ho, 21sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, ɔsoro da so kata asase ani yi, mo ne mo mma ase bɛdɔre wɔ asase a Awurade kaa ntam sɛ ɔde bɛma mo agyanom no so. 22Monhwɛ yie na monni mmara a merehyɛ ama mo yi so; monnante Awurade, mo Onyankopɔn, akwan so na momfa mo ho mmata ne ho mfa nkyerɛ ɔdɔ a modɔ no.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.