Daniel 6:26
Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
“Mehyɛ mmara sɛ, ɛsɛ sɛ obiara a ɔwɔ mʼahemman mu suro, fɛre na ɔde anidie ma Daniel Onyankopɔn. “Ɔno na ɔyɛ Ɔteasefoɔ Onyankopɔn na ɔwɔ hɔ daa. “Nʼahennie rensɛe da biara da. Na ne tumi to rentwa da.
Daniel 6:26 in English
Daniel 6:26 · Berean Standard Bible
I hereby decree that in every part of my kingdom, men are to tremble in fear before the God of Daniel: For He is the living God, and He endures forever; His kingdom will never be destroyed, and His dominion will never end.
Context
24Afei, ɔhene no hyɛɛ sɛ, wɔnkɔkyere mmarima a wɔnam ntwatosoɔ so ma wɔde Daniel kɔtoo agyata amena mu no. Ɔmaa wɔtoo wɔn ne wɔn yerenom ne wɔn mma guu agyata amena no mu. Agyata no hurihuri sisii wɔn so, tetee wɔn, bobɔɔ wɔn nnompe mu ansa koraa na wɔreduru amena no ase. 25Afei, Ɔhene Dario too nkra yi kɔmaa nnipa ahodoɔ nyinaa, aman nyinaa ne kasa biara wɔ ewiase afanan nyinaa sɛ:
“Ɛnsi mo yie mmoroso! 26“Mehyɛ mmara sɛ, ɛsɛ sɛ obiara a ɔwɔ mʼahemman mu suro, fɛre na ɔde anidie ma Daniel Onyankopɔn.
“Ɔno na ɔyɛ Ɔteasefoɔ Onyankopɔn
na ɔwɔ hɔ daa.
“Nʼahennie rensɛe da biara da.
Na ne tumi to rentwa da. 27“Ɔyɛ amanehunu mu gyefoɔ na ɔgye nkwa nso;
ɔyɛ nsɛnkyerɛnneɛ ne anwanwadeɛ,
wɔ ɔsoro ne asase so.
“Ɔno na wagye Daniel
afiri agyata no nsam.” 28Enti, Daniel kɔɔ so dii yie wɔ Ɔhene Dario ne Persiahene Kores mmerɛ so.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.