Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Sɛdeɛ Otumfoɔ Awurade seɛ nie, “Saa ɛda no, asɔrefie nnwontoɔ bɛdane menabɔ. Wɔbɛbɔ afunu bebree apete baabiara! Enti yɛ komm!”
Amos 8:3 in English
Amos 8:3 · Berean Standard Bible
“In that day,” declares the Lord GOD, “the songs * of the temple * will turn to wailing. Many will be the corpses, strewn in silence everywhere!”
Context
1Afei, deɛ Otumfoɔ Awurade yi kyerɛɛ me nie: kɛntɛn a aduaba a abereɛ wɔ mu. 2Ɔbisaa sɛ, “Ɛdeɛn na wohunu, Amos?”
Mebuaa sɛ, “Kɛntɛn a wɔde nnuaba a abereɛ ahyɛ no ma.”
Ɛna Awurade ka kyerɛɛ me sɛ, “Me nkurɔfoɔ Israelfoɔ berɛ no aso; meremfa wɔn ho nnkyɛ wɔn bio.” 3Sɛdeɛ Otumfoɔ Awurade seɛ nie, “Saa ɛda no, asɔrefie nnwontoɔ bɛdane menabɔ. Wɔbɛbɔ afunu bebree apete baabiara! Enti yɛ komm!” 4Montie saa asɛm yi, mo a motiatia mmɔborɔwafoɔ so,
na mopam ahiafoɔ firi wɔn asase so, 5na moka sɛ,
“Ɛberɛ bɛn na ɔbosome foforɔ bɛtwam
ama yɛatɔn aduane,
na Homeda bɛba awieeɛ
ama yɛadi ayuo dwa?”
Sɛ mobɛhyɛ susukora mu
na moatoto ɛboɔ so
na mode nsania a wɔamia mu asisi atɔfoɔ,
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.