Amos 2:14
Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Ahoɔherɛfoɔ rentumi nnwane. Ahoɔdenfoɔ rennya ahoɔden, na akofoɔ rennya ne ho ntete.
Amos 2:14 in English
Amos 2:14 · Berean Standard Bible
Escape will fail the swift, the strong will not prevail by his strength, and the mighty will not save his life.
Context
12“Nanso momaa Nasarefoɔ no nom nsã
na mohyɛɛ adiyifoɔ no sɛ wɔnnhyɛ nkɔm. 13“Na afei, mɛdwerɛ mo
sɛdeɛ teaseɛnam a aduane ayɛ no ma mia asase no. 14Ahoɔherɛfoɔ rentumi nnwane.
Ahoɔdenfoɔ rennya ahoɔden,
na akofoɔ rennya ne ho ntete. 15Agyantofoɔ rentumi nnyina deɛ ɔgyina.
Asraafoɔ ahoɔherɛfoɔ rentumi nnwane,
na pɔnkɔsotefoɔ rentumi mpere ne nkwa. 16Mpo akofoɔ akokoɔdurufoɔ
de adagya bɛdwane wɔ saa da no,”
sɛdeɛ Awurade seɛ nie.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.