Amos 2:11
Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Meyiyii mo mmammarima no bi yɛɛ wɔn adiyifoɔ, ne mo mmeranteɛ binom sɛ Nasarefoɔ. Na ɛnte saa anaa, Israelfoɔ?” Deɛ Awurade bisa nie.
Amos 2:11 in English
Amos 2:11 · Berean Standard Bible
I raised up prophets from your sons and Nazirites from your young men. Is this not true, O children of Israel?” declares the LORD.
Context
9“Mesɛee Amorifoɔ no wɔ wɔn anim,
ɛwom sɛ wɔware te sɛ ntweneduro.
Wɔn ho nso yɛ den sɛ odum.
Mesɛee nʼaba wɔ ne soro,
ne ne nhini wɔ nʼase. 10Meyii wo firii Misraim,
na medii wʼanim mfirinhyia aduanan wɔ ɛserɛ so
sɛdeɛ mede Amorifoɔ asase bɛma wo. 11Meyiyii mo mmammarima no bi yɛɛ wɔn adiyifoɔ,
ne mo mmeranteɛ binom sɛ Nasarefoɔ.
Na ɛnte saa anaa, Israelfoɔ?”
Deɛ Awurade bisa nie. 12“Nanso momaa Nasarefoɔ no nom nsã
na mohyɛɛ adiyifoɔ no sɛ wɔnnhyɛ nkɔm. 13“Na afei, mɛdwerɛ mo
sɛdeɛ teaseɛnam a aduane ayɛ no ma mia asase no.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.