Native Bible

Acts 9:36 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Na ɔbaa ogyedini bi te Yopa a ne din de Tabita a ne nkyerɛaseɛ ne Dorka a aseɛ ne ɔwansane. Saa ɔbaa yi de nʼadagyeɛ nyinaa yɛɛ papa, boaa ahiafoɔ.

Acts 9:36 in English

Acts 9:36 · Berean Standard Bible

In Joppa there was a disciple named Tabitha (which is translated as Dorcas),* who was always occupied with works of kindness and charity.

Context

34Petro ka kyerɛɛ no sɛ, “Enea, Awurade Yesu Kristo nsa wo yadeɛ. Sɔre na yi wo kɛtɛ!” Amonom hɔ ara, Enea sɔree. 35Nnipa a wɔte Lida ne Saron no nyinaa hunuu no no, wɔde wɔn ho maa Awurade. 36Na ɔbaa ogyedini bi te Yopa a ne din de Tabita a ne nkyerɛaseɛ ne Dorka a aseɛ ne ɔwansane. Saa ɔbaa yi de nʼadagyeɛ nyinaa yɛɛ papa, boaa ahiafoɔ. 37Saa ɛberɛ korɔ yi ara mu na yadeɛ bɔɔ no maa ɔwuiɛ. Wɔdwaree no* de no kɔtoo abansoro dan* bi mu. 38Esiane sɛ Lida bɛn Yopa no enti, asuafoɔ a wɔwɔ Yopa no tee sɛ Petro wɔ Lida no, wɔsomaa mmarima baanu kɔsrɛɛ no sɛ ɔnyɛ ntɛm mmra.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.