Asomafoɔ 9:38
Acts 9:38 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Esiane sɛ Lida bɛn Yopa no enti, asuafoɔ a wɔwɔ Yopa no tee sɛ Petro wɔ Lida no, wɔsomaa mmarima baanu kɔsrɛɛ no sɛ ɔnyɛ ntɛm mmra.
Acts 9:38 in English
Acts 9:38 · Berean Standard Bible
Since Lydda was near Joppa, the disciples heard that Peter was there and sent two men to urge him, “Come to us without delay.”
Context
36Na ɔbaa ogyedini bi te Yopa a ne din de Tabita a ne nkyerɛaseɛ ne Dorka a aseɛ ne ɔwansane. Saa ɔbaa yi de nʼadagyeɛ nyinaa yɛɛ papa, boaa ahiafoɔ. 37Saa ɛberɛ korɔ yi ara mu na yadeɛ bɔɔ no maa ɔwuiɛ. Wɔdwaree no* de no kɔtoo abansoro dan* bi mu. 38Esiane sɛ Lida bɛn Yopa no enti, asuafoɔ a wɔwɔ Yopa no tee sɛ Petro wɔ Lida no, wɔsomaa mmarima baanu kɔsrɛɛ no sɛ ɔnyɛ ntɛm mmra. 39Petro yɛɛ ntɛm ne wɔn kɔeɛ. Ɔduruu hɔ no, wɔde no kɔɔ abansoro dan no mu. Akunafoɔ a na wɔwɔ hɔ no nyinaa bɛgyinagyinaa Petro ho suiɛ de ntadeɛ ne ntoma a Tabita te ase no ɔpam maa wɔn no kyerɛɛ no. 40Petro maa wɔn nyinaa firii adi. Afei, ɔbuu nkotodwe, bɔɔ mpaeɛ danee nʼani kyerɛɛ amu no kaa sɛ, “Tabita, sɔre!” Tabita tee nʼani na ɔhunuu Petro no, ɔsɔre tenaa ase.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.