Asomafoɔ 26:17
Acts 26:17 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Mɛgye wo mafiri Israelfoɔ ne amanamanmufoɔ a wɔresoma wo akɔ wɔn nkyɛn no nsam.
Acts 26:17 in English
Acts 26:17 · Berean Standard Bible
I will rescue you from your own people and from the Gentiles. I am sending you to them
Context
15“Mebisaa sɛ, ‘Ɛyɛ wo hwan, Awurade?’
“Awurade buaa sɛ, ‘Ɛyɛ me Yesu a wotaa me no. 16Sɔre gyina hɔ. Ɛnnɛ mayi me ho adi akyerɛ wo; mɛma woayɛ me ɔsomfoɔ na woadi adanseɛ wɔ deɛ woahunu afa me ho yi ne deɛ mɛkyerɛ wo nyinaa ho. 17Mɛgye wo mafiri Israelfoɔ ne amanamanmufoɔ a wɔresoma wo akɔ wɔn nkyɛn no nsam. 18Wobɛbue wɔn ani na woatwe wɔn afiri sum mu aba hann mu, na woayi wɔn afiri ɔbonsam tumi ase aba Onyankopɔn nkyɛn. Na wɔnam wɔn gyidie a wɔwɔ wɔ me mu no so anya bɔne fakyɛ na wɔayɛ Onyankopɔn mma.’ 19“Ɛno enti, Ɔhene Agripa, meyɛɛ ɔsetie maa nne a ɛfiri ɔsoro no.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.