Asomafoɔ 26:15
Acts 26:15 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
“Mebisaa sɛ, ‘Ɛyɛ wo hwan, Awurade?’ “Awurade buaa sɛ, ‘Ɛyɛ me Yesu a wotaa me no.
Acts 26:15 in English
Acts 26:15 · Berean Standard Bible
‘Who are You, Lord?’ I asked. ‘I am Jesus, whom you are persecuting,’ the Lord replied.
Context
13Daasebrɛ, da bi owigyinaeɛ a merekɔ Damasko no, hann bi a ɛkyɛn owia hyerɛn firii ɔsoro bɛtwaa me ne wɔn a yɛnam no ho hyiaeɛ. 14Yɛn nyinaa twitwa hwehwee fam na metee nne bi wɔ Arameike kasa mu sɛ, ‘Saulo! Saulo! Adɛn enti na wotaa me? Deɛ woyɛ yi nyinaa wode reha wo ho sɛdeɛ nantwie tu ne nan wɔ ɔkafoɔ poma ano.’ 15“Mebisaa sɛ, ‘Ɛyɛ wo hwan, Awurade?’
“Awurade buaa sɛ, ‘Ɛyɛ me Yesu a wotaa me no. 16Sɔre gyina hɔ. Ɛnnɛ mayi me ho adi akyerɛ wo; mɛma woayɛ me ɔsomfoɔ na woadi adanseɛ wɔ deɛ woahunu afa me ho yi ne deɛ mɛkyerɛ wo nyinaa ho. 17Mɛgye wo mafiri Israelfoɔ ne amanamanmufoɔ a wɔresoma wo akɔ wɔn nkyɛn no nsam.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.