Asomafoɔ 26:13
Acts 26:13 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Daasebrɛ, da bi owigyinaeɛ a merekɔ Damasko no, hann bi a ɛkyɛn owia hyerɛn firii ɔsoro bɛtwaa me ne wɔn a yɛnam no ho hyiaeɛ.
Acts 26:13 in English
Acts 26:13 · Berean Standard Bible
About noon, O king, as I was on the road, I saw a light from heaven, brighter than the sun, shining around me and my companions.
Context
11Memaa wɔtwee wɔn aso mmerɛ pii wɔ hyiadan mu sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, wɔbɛpa wɔn gyidie. Mʼani beree wɔn so yie maa metaa wɔn kɔduruu aman afoforɔ so.” 12“Saa ɔtaa yi enti na mekɔgyee tumi nwoma firii asɔfoɔ mpanin nkyɛn sɛ mede rekɔ Damasko no. 13Daasebrɛ, da bi owigyinaeɛ a merekɔ Damasko no, hann bi a ɛkyɛn owia hyerɛn firii ɔsoro bɛtwaa me ne wɔn a yɛnam no ho hyiaeɛ. 14Yɛn nyinaa twitwa hwehwee fam na metee nne bi wɔ Arameike kasa mu sɛ, ‘Saulo! Saulo! Adɛn enti na wotaa me? Deɛ woyɛ yi nyinaa wode reha wo ho sɛdeɛ nantwie tu ne nan wɔ ɔkafoɔ poma ano.’ 15“Mebisaa sɛ, ‘Ɛyɛ wo hwan, Awurade?’
“Awurade buaa sɛ, ‘Ɛyɛ me Yesu a wotaa me no.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.