Native Bible

Acts 26:11 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Memaa wɔtwee wɔn aso mmerɛ pii wɔ hyiadan mu sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, wɔbɛpa wɔn gyidie. Mʼani beree wɔn so yie maa metaa wɔn kɔduruu aman afoforɔ so.”

Acts 26:11 in English

Acts 26:11 · Berean Standard Bible

I frequently had them punished in the synagogues, and I tried to make them blaspheme. In my raging fury against them, I even went to foreign cities to persecute them.

Context

9“Mmerɛ bi a atwam no, na mʼadwene nyinaa ne sɛ mɛyɛ biribiara a mɛtumi de atia Yesu a ɔfiri Nasaret no din. 10Saa ara na meyɛɛ wɔ Yerusalem. Megyee tumi nwoma firii asɔfoɔ mpanin nkyɛn gyinaa so kyekyeree Onyankopɔn akyidifoɔ guu afiase; na sɛ wɔbu wɔn kumfɔ a, medi mu akotene. 11Memaa wɔtwee wɔn aso mmerɛ pii wɔ hyiadan mu sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, wɔbɛpa wɔn gyidie. Mʼani beree wɔn so yie maa metaa wɔn kɔduruu aman afoforɔ so.” 12“Saa ɔtaa yi enti na mekɔgyee tumi nwoma firii asɔfoɔ mpanin nkyɛn sɛ mede rekɔ Damasko no. 13Daasebrɛ, da bi owigyinaeɛ a merekɔ Damasko no, hann bi a ɛkyɛn owia hyerɛn firii ɔsoro bɛtwaa me ne wɔn a yɛnam no ho hyiaeɛ.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.