Asomafoɔ 26:19
Acts 26:19 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
“Ɛno enti, Ɔhene Agripa, meyɛɛ ɔsetie maa nne a ɛfiri ɔsoro no.
Acts 26:19 in English
Acts 26:19 · Berean Standard Bible
So then, King Agrippa, I was not disobedient to the heavenly vision.
Context
17Mɛgye wo mafiri Israelfoɔ ne amanamanmufoɔ a wɔresoma wo akɔ wɔn nkyɛn no nsam. 18Wobɛbue wɔn ani na woatwe wɔn afiri sum mu aba hann mu, na woayi wɔn afiri ɔbonsam tumi ase aba Onyankopɔn nkyɛn. Na wɔnam wɔn gyidie a wɔwɔ wɔ me mu no so anya bɔne fakyɛ na wɔayɛ Onyankopɔn mma.’ 19“Ɛno enti, Ɔhene Agripa, meyɛɛ ɔsetie maa nne a ɛfiri ɔsoro no. 20Mefirii aseɛ kaa asɛmpa no wɔ Damasko ne Yerusalem ne Yudeafoɔ aman nyinaa so ne amanamanmufoɔ mu sɛ, ɛsɛ sɛ wɔnu wɔn ho na wɔde wɔn ho ma Onyankopɔn, na wɔn nneyɛeɛ akyerɛ sɛ wɔasakyera. 21Saa asɛm yi ara enti na mewɔ asɔredan mu resom no, Yudafoɔ no bɛkyeree me sɛ wɔrekɔku me.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.