Asomafoɔ 24:20
Acts 24:20 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Sɛ saa nnipa a wɔwɔ ha yi nso nim asɛm bi a wɔgyina so buu me fɔ wɔ agyinatufoɔ no anim a, wɔnka.
Acts 24:20 in English
Acts 24:20 · Berean Standard Bible
Otherwise, let these men state for themselves any crime they found in me when I stood before the Sanhedrin,*
Context
18Ɛberɛ a madwira me ho awie na megu so rebɔ aseda afɔdeɛ wɔ asɔredan no mu no, na nnipa a wɔde me baa ha yi hunuu me. Na matwitwa me tirinwi sɛdeɛ mmara no kyerɛ no. Saa ɛberɛ no nso na dɔm biara nka me ho na basabasayɛ bi aba. 19Saa ɛberɛ no, na Yudafoɔ bi a wɔfiri Asiaman mu wɔ hɔ. Wɔn na sɛ anka wɔwɔ asɛm bi ka tia me a, ɛsɛ sɛ wɔka. 20Sɛ saa nnipa a wɔwɔ ha yi nso nim asɛm bi a wɔgyina so buu me fɔ wɔ agyinatufoɔ no anim a, wɔnka. 21Asɛm baako pɛ na megyina wɔn anim no, mekaeɛ. Saa asɛm no ne sɛ, ‘Gyidie a mewɔ wɔ awufosɔreɛ no mu enti na megye di sɛ morebu me atɛn ɛnnɛ.’ ” 22Felike a na ɔnim ekuo a wɔfrɛ no Ɛkwan no yie no tuu asɛm no hyɛɛ da, kaa sɛ, “Sɛ Ɔsafohene Lisia ba a, mɛdi wʼasɛm no.”
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.