Asomafoɔ 24:18
Acts 24:18 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Ɛberɛ a madwira me ho awie na megu so rebɔ aseda afɔdeɛ wɔ asɔredan no mu no, na nnipa a wɔde me baa ha yi hunuu me. Na matwitwa me tirinwi sɛdeɛ mmara no kyerɛ no. Saa ɛberɛ no nso na dɔm biara nka me ho na basabasayɛ bi aba.
Acts 24:18 in English
Acts 24:18 · Berean Standard Bible
At the time they found me in the temple, I was ceremonially clean and was not inciting a crowd or an uproar. But there are some Jews from the province of Asia *
Context
16Yei enti, da biara mebɔ mmɔden sɛ mede ahonim pa bɛbɔ me bra Onyankopɔn ne nnipa anim. 17“Mfeɛ bebree akyi a mefirii Yerusalem no, mesane mebaa hɔ sɛ mede ayɛyɛdeɛ rebrɛ me nuanom na mabɔ afɔdeɛ. 18Ɛberɛ a madwira me ho awie na megu so rebɔ aseda afɔdeɛ wɔ asɔredan no mu no, na nnipa a wɔde me baa ha yi hunuu me. Na matwitwa me tirinwi sɛdeɛ mmara no kyerɛ no. Saa ɛberɛ no nso na dɔm biara nka me ho na basabasayɛ bi aba. 19Saa ɛberɛ no, na Yudafoɔ bi a wɔfiri Asiaman mu wɔ hɔ. Wɔn na sɛ anka wɔwɔ asɛm bi ka tia me a, ɛsɛ sɛ wɔka. 20Sɛ saa nnipa a wɔwɔ ha yi nso nim asɛm bi a wɔgyina so buu me fɔ wɔ agyinatufoɔ no anim a, wɔnka.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.