Native Bible

Acts 24:19 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Saa ɛberɛ no, na Yudafoɔ bi a wɔfiri Asiaman mu wɔ hɔ. Wɔn na sɛ anka wɔwɔ asɛm bi ka tia me a, ɛsɛ sɛ wɔka.

Acts 24:19 in English

Acts 24:19 · Berean Standard Bible

who ought to appear before you and bring charges, if they have anything against me.

Context

17“Mfeɛ bebree akyi a mefirii Yerusalem no, mesane mebaa hɔ sɛ mede ayɛyɛdeɛ rebrɛ me nuanom na mabɔ afɔdeɛ. 18Ɛberɛ a madwira me ho awie na megu so rebɔ aseda afɔdeɛ wɔ asɔredan no mu no, na nnipa a wɔde me baa ha yi hunuu me. Na matwitwa me tirinwi sɛdeɛ mmara no kyerɛ no. Saa ɛberɛ no nso na dɔm biara nka me ho na basabasayɛ bi aba. 19Saa ɛberɛ no, na Yudafoɔ bi a wɔfiri Asiaman mu wɔ hɔ. Wɔn na sɛ anka wɔwɔ asɛm bi ka tia me a, ɛsɛ sɛ wɔka. 20Sɛ saa nnipa a wɔwɔ ha yi nso nim asɛm bi a wɔgyina so buu me fɔ wɔ agyinatufoɔ no anim a, wɔnka. 21Asɛm baako pɛ na megyina wɔn anim no, mekaeɛ. Saa asɛm no ne sɛ, ‘Gyidie a mewɔ wɔ awufosɔreɛ no mu enti na megye di sɛ morebu me atɛn ɛnnɛ.’ ”

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.