Native Bible

Acts 22:28 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Ɔsafohene no kaa sɛ, “Metuaa sika bebree na mede tɔɔ me Roma manbayɛ.” Paulo nso kaa sɛ, “Me de wɔwoo me sɛ Romani.”

Acts 22:28 in English

Acts 22:28 · Berean Standard Bible

“I paid a high price for my citizenship,” said the commander. “But I was born a citizen,” Paul replied.

Context

26Ɛberɛ a ɔsraani panin no tee saa asɛm yi no, ɔkɔɔ ɔsafohene no nkyɛn kɔbisaa no sɛ, “Ɛdeɛn na wopɛ sɛ woyɛ yi? Onipa no yɛ Romani!” 27Afei, ɔsafohene no kɔɔ Paulo nkyɛn kɔbisaa no sɛ, “Woyɛ Romani anaa?” Paulo buaa no sɛ, “Aane meyɛ Romani.” 28Ɔsafohene no kaa sɛ, “Metuaa sika bebree na mede tɔɔ me Roma manbayɛ.” Paulo nso kaa sɛ, “Me de wɔwoo me sɛ Romani.” 29Ntɛm ara, nnipa a na wɔrebɛbisa Paulo nsɛm no twee wɔn ho firii ne nkyɛn. Ɔsafohene no tee sɛ Paulo yɛ Romani no, ɔsuroeɛ sɛ wama wɔagu Paulo nkɔnsɔnkɔnsɔn. 30Esiane sɛ na ɔsafohene no pɛ sɛ ɔhunu deɛ enti a Yudafoɔ no asɔre atia Paulo no enti, adeɛ kyeeɛ no, ɔhyɛ maa wɔyii Paulo firii nkɔnsɔnkɔnsɔn mu. Ɔmaa asɔfoɔ mpanin ne agyinatufoɔ no nyinaa hyiaeɛ. Afei, ɔde Paulo kɔeɛ sɛ wɔnhwehwɛ nʼasɛm no mu.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.