Native Bible

Acts 13:42 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Paulo ne Barnaba refiri asɔredan no mu no, nnipa no srɛɛ wɔn sɛ Homeda a ɛreba no, wɔmmra mmɛkyerɛkyerɛ wɔn bio.

Acts 13:42 in English

Acts 13:42 · Berean Standard Bible

As Paul and Barnabas were leaving the synagogue, the people urged them to continue this message on the next Sabbath.

Context

40Monhwɛ yie na adiyifoɔ no nkɔm a wɔhyɛɛ yi amma no so: 41“ ‘Mo fɛdifoɔ! Momma ɛnyɛ mo nwanwa na mo ho nnwiri mo! Ɛfiri sɛ, merebɛyɛ biribi wɔ mo berɛ so, na sɛ obi ka kyerɛ mo a, morennye nni!’ ” 42Paulo ne Barnaba refiri asɔredan no mu no, nnipa no srɛɛ wɔn sɛ Homeda a ɛreba no, wɔmmra mmɛkyerɛkyerɛ wɔn bio. 43Nnipa no wiee nhyiamu no, Yudafoɔ ne amanamanmufoɔ bebree a wɔasakyera aba Yudasom mu no tu dii Paulo ne Barnaba akyi. Asomafoɔ no tuu wɔn fo, hyɛɛ wɔn nkuran sɛ wɔntena ase Onyankopɔn adom mu. 44Homeda a ɛdi so no duruiɛ no, ɛkame ayɛ sɛ wɔn a wɔte kuro no mu no nyinaa bɛtiee Awurade asɛm.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.