Native Bible

Acts 13:41 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

“ ‘Mo fɛdifoɔ! Momma ɛnyɛ mo nwanwa na mo ho nnwiri mo! Ɛfiri sɛ, merebɛyɛ biribi wɔ mo berɛ so, na sɛ obi ka kyerɛ mo a, morennye nni!’ ”

Acts 13:41 in English

Acts 13:41 · Berean Standard Bible

‘Look, you scoffers, wonder and perish! For I am doing a work in your days that you would never believe, even if someone told you.’*”

Context

39Ɛsɛ sɛ mote aseɛ sɛ, obiara a ɔgye no di no, wɔabu no bem a anka Mose mmara ntumi mmu no no. 40Monhwɛ yie na adiyifoɔ no nkɔm a wɔhyɛɛ yi amma no so: 41“ ‘Mo fɛdifoɔ! Momma ɛnyɛ mo nwanwa na mo ho nnwiri mo! Ɛfiri sɛ, merebɛyɛ biribi wɔ mo berɛ so, na sɛ obi ka kyerɛ mo a, morennye nni!’ ” 42Paulo ne Barnaba refiri asɔredan no mu no, nnipa no srɛɛ wɔn sɛ Homeda a ɛreba no, wɔmmra mmɛkyerɛkyerɛ wɔn bio. 43Nnipa no wiee nhyiamu no, Yudafoɔ ne amanamanmufoɔ bebree a wɔasakyera aba Yudasom mu no tu dii Paulo ne Barnaba akyi. Asomafoɔ no tuu wɔn fo, hyɛɛ wɔn nkuran sɛ wɔntena ase Onyankopɔn adom mu.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.