Native Bible

Acts 13:18 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

na ɔhwɛɛ wɔn so wɔ ɛserɛ so mfeɛ aduanan.

Acts 13:18 in English

Acts 13:18 · Berean Standard Bible

He endured their conduct for about forty years in the wilderness.

Context

16Afei, Paulo sɔre gyinaeɛ, nyamaa ne nsa hyɛɛ aseɛ kasaa sɛ, “Me nuanom Israelfoɔ ne amanamanmufoɔ a mowɔ ha a mosom Onyankopɔn no, montie me! 17Israel Onyankopɔn yii yɛn nananom ma wɔyɛɛ ɔman kɛseɛ ɛberɛ a na wɔte Misraim asase so no. Onyankopɔn nam ne tumi kɛseɛ so yii wɔn firii Misraim, 18na ɔhwɛɛ wɔn so wɔ ɛserɛ so mfeɛ aduanan. 19Ɔsɛee amanaman nson wɔ Kanaan asase so na ɔde asase no maa ne nkurɔfoɔ, 20maa wɔtenaa so mfeɛ ahanan ne aduonum. Yei akyi no, ɔmaa atemmufoɔ dii wɔn so kɔsii sɛ Odiyifoɔ Samuel baeɛ.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.