Native Bible

Acts 11:12 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Honhom Kronkron ka kyerɛɛ me sɛ, menntwentwɛn me nan ase na me ne wɔn nkɔ. Saa agyidifoɔ baasa yi a wɔfiri Yopa no kaa me ho kɔɔ Kaesarea maa yɛn nyinaa kɔɔ Kornelio efie.

Acts 11:12 in English

Acts 11:12 · Berean Standard Bible

The Spirit told me to accompany them without hesitation. These six brothers also went with me, and we entered the man’s home.

Context

10Saa anisoadehunu yi baa mprɛnsa, na ɛsane kɔɔ ɔsoro. 11“Saa ɛberɛ no ara mu, nnipa baasa a wɔasoma wɔn firi Kaesarea no bɛduruu efie a na mete mu no mu. 12Honhom Kronkron ka kyerɛɛ me sɛ, menntwentwɛn me nan ase na me ne wɔn nkɔ. Saa agyidifoɔ baasa yi a wɔfiri Yopa no kaa me ho kɔɔ Kaesarea maa yɛn nyinaa kɔɔ Kornelio efie. 13Ɔkaa sɛdeɛ ɔhunuu ɔsoro ɔbɔfoɔ wɔ ne fie maa ɔbɔfoɔ no ka kyerɛɛ no sɛ, ‘Soma kɔ Yopa kɔfrɛ ɔbarima bi a ne din de Simon Petro no. 14Ɔno na ɔbɛka nsɛm a ɛbɛgye wo ne wo fiefoɔ nyinaa nkwa akyerɛ mo.’

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.