Native Bible

Acts 11:10 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Saa anisoadehunu yi baa mprɛnsa, na ɛsane kɔɔ ɔsoro.

Acts 11:10 in English

Acts 11:10 · Berean Standard Bible

This happened three times, and everything was drawn back up into heaven.

Context

8“Mebuaa sɛ, ‘Dabi, Awurade! Mennii biribiara a ɛho nteɛ da.’ 9“Ɛnne no ka kyerɛɛ me bio sɛ, ‘Biribiara a Onyankopɔn ate ho no, nka sɛ ɛho nte.’ 10Saa anisoadehunu yi baa mprɛnsa, na ɛsane kɔɔ ɔsoro. 11“Saa ɛberɛ no ara mu, nnipa baasa a wɔasoma wɔn firi Kaesarea no bɛduruu efie a na mete mu no mu. 12Honhom Kronkron ka kyerɛɛ me sɛ, menntwentwɛn me nan ase na me ne wɔn nkɔ. Saa agyidifoɔ baasa yi a wɔfiri Yopa no kaa me ho kɔɔ Kaesarea maa yɛn nyinaa kɔɔ Kornelio efie.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.