3 Yohane 1:3
3 John 1:3 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Anuanom bi baa ha bɛka kyerɛɛ me sɛ, woanya nokorɛ no mu gyidie no, na woda so kura nokorɛ no mu no, ɛyɛɛ me anigye yie.
3 John 1:3 in English
3 John 1:3 · Berean Standard Bible
For I was overjoyed when the brothers came and testified about your devotion to the truth, in which you continue to walk.
Context
1Me, Asɔre panin,
Meretwerɛ akɔma me dɔfo pa Gaio. 2Mʼadamfo pa, mebɔ mpaeɛ sɛ biribiara nkɔ so yie mma wo, na nya ahoɔden sɛdeɛ menim sɛ honhom fa mu no, wowɔ ahoɔden no. 3Anuanom bi baa ha bɛka kyerɛɛ me sɛ, woanya nokorɛ no mu gyidie no, na woda so kura nokorɛ no mu no, ɛyɛɛ me anigye yie. 4Biribiara nyɛ me anigye nkyɛn sɛ mɛte sɛ me mma no te nokorɛ mu. 5Mʼadamfo pa, wodi nokorɛ yie wɔ adwuma a woyɛ ma anuanom no a ɛmfa ho sɛ wɔyɛ ahɔhoɔ mpo.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.