3 Yohane 1:2
3 John 1:2 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Mʼadamfo pa, mebɔ mpaeɛ sɛ biribiara nkɔ so yie mma wo, na nya ahoɔden sɛdeɛ menim sɛ honhom fa mu no, wowɔ ahoɔden no.
3 John 1:2 in English
3 John 1:2 · Berean Standard Bible
Beloved, I pray that in every way you may prosper and enjoy good health, as your soul also prospers.
Context
1Me, Asɔre panin,
Meretwerɛ akɔma me dɔfo pa Gaio. 2Mʼadamfo pa, mebɔ mpaeɛ sɛ biribiara nkɔ so yie mma wo, na nya ahoɔden sɛdeɛ menim sɛ honhom fa mu no, wowɔ ahoɔden no. 3Anuanom bi baa ha bɛka kyerɛɛ me sɛ, woanya nokorɛ no mu gyidie no, na woda so kura nokorɛ no mu no, ɛyɛɛ me anigye yie. 4Biribiara nyɛ me anigye nkyɛn sɛ mɛte sɛ me mma no te nokorɛ mu.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.