2 Timoteo 4:9
2 Timothy 4:9 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Bɔ mmɔden bra me nkyɛn ntɛm.
2 Timothy 4:9 in English
2 Timothy 4:9 · Berean Standard Bible
Make every effort to come to me quickly,
Context
7Ɔko pa no, mako, mmirika no, mawie tu; gyidie no makora. 8Adeɛ a ɛretwɛn me seesei ne nkonim akyɛdeɛ, tenenee abotire a Awurade a ɔyɛ tenenee ɔtemmufoɔ no de bɛma me da no. Ɛnyɛ me nko, na mmom, wɔn a wɔtena ase ɔdɔ mu twɛn no no nyinaa. 9Bɔ mmɔden bra me nkyɛn ntɛm. 10Dema dɔɔ ɛnnɛ ewiase yi maa ɔyɛɛ saa dwane gyaa me hɔ kɔɔ Tesalonika. Kreske kɔɔ Galatia, Tito nso kɔɔ Dalmatia. 11Luka nko ara na ɔne me wɔ ha. Fa Marko ka wo ho na wo ne no mmra, ɛfiri sɛ, ɔbɛtumi aboa me adwuma no yɛ.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.