2 Timoteo 4:7
2 Timothy 4:7 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Ɔko pa no, mako, mmirika no, mawie tu; gyidie no makora.
2 Timothy 4:7 in English
2 Timothy 4:7 · Berean Standard Bible
I have fought the good fight, I have finished the race, I have kept the faith.
Context
5Nanso mmerɛ nyinaa mu no, ɛsɛ sɛ wohwɛ wo ho so yie. Mia wʼani wɔ amanehunu mu. Yɛ ɔsɛmpakafoɔ adwuma na di wo dwuma nyinaa sɛ Onyankopɔn ɔsomfoɔ. 6Me deɛ, ɛberɛ aduru sɛ wɔde me bɔ afɔdeɛ. Ɛberɛ aso sɛ megya asetena yi. Me nkwa ayɛ sɛ hwiesa afɔrebɔ wɔ afɔrebukyia so. 7Ɔko pa no, mako, mmirika no, mawie tu; gyidie no makora. 8Adeɛ a ɛretwɛn me seesei ne nkonim akyɛdeɛ, tenenee abotire a Awurade a ɔyɛ tenenee ɔtemmufoɔ no de bɛma me da no. Ɛnyɛ me nko, na mmom, wɔn a wɔtena ase ɔdɔ mu twɛn no no nyinaa. 9Bɔ mmɔden bra me nkyɛn ntɛm.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.