Native Bible

2 Timothy 2:13 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Sɛ yɛnnyɛ nokwafoɔ a, ɔno deɛ, ɔyɛ ɔnokwafoɔ, ɛfiri sɛ, ɔrensesa nʼasɛm.”

2 Timothy 2:13 in English

2 Timothy 2:13 · Berean Standard Bible

if we are faithless, He remains faithful, for He cannot deny Himself.

Context

11Nsɛm a ɛsɛ sɛ wode wo ho to so nie: “Sɛ yɛne no wuiɛ a, yɛne no bɛtena ase. 12Sɛ yɛampa aba a, yɛne no bɛdi ɔhene. Sɛ yɛpa no a, ɔno nso bɛpa yɛn. 13Sɛ yɛnnyɛ nokwafoɔ a, ɔno deɛ, ɔyɛ ɔnokwafoɔ, ɛfiri sɛ, ɔrensesa nʼasɛm.” 14Monkae mo nkurɔfoɔ wɔ yei ho na mommɔ wɔn kɔkɔ wɔ Onyame anim sɛ wɔnnni wɔn ho akasakasa. Ɛmfa asɛm pa mma. Sɛ wɔyɛ saa a, ɛsɛe atiefoɔ no adwene. 15Bɔ mmɔden sɛ wobɛyɛ odwumayɛfoɔ a womfɛre Onyankopɔn adwuma no yɛ ho, na kyerɛ nokorɛ a ɛwɔ Onyankopɔn asɛm no mu no, na woafata nʼanim.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.