2 Timoteo 2:12
2 Timothy 2:12 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Sɛ yɛampa aba a, yɛne no bɛdi ɔhene. Sɛ yɛpa no a, ɔno nso bɛpa yɛn.
2 Timothy 2:12 in English
2 Timothy 2:12 · Berean Standard Bible
if we endure, we will also reign with Him; if we deny Him, He will also deny us;
Context
10na yei enti, biribiara a ɛbɛba me so no, ɛsiane Onyankopɔn nnipa a wayi wɔn no enti, megyina ano, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔn nso bɛnya nkwagyeɛ ne animuonyam a ɛnni awieeɛ a ɛwɔ Kristo Yesu mu no. 11Nsɛm a ɛsɛ sɛ wode wo ho to so nie:
“Sɛ yɛne no wuiɛ a,
yɛne no bɛtena ase. 12Sɛ yɛampa aba a,
yɛne no bɛdi ɔhene.
Sɛ yɛpa no a,
ɔno nso bɛpa yɛn. 13Sɛ yɛnnyɛ nokwafoɔ a,
ɔno deɛ, ɔyɛ ɔnokwafoɔ,
ɛfiri sɛ, ɔrensesa nʼasɛm.” 14Monkae mo nkurɔfoɔ wɔ yei ho na mommɔ wɔn kɔkɔ wɔ Onyame anim sɛ wɔnnni wɔn ho akasakasa. Ɛmfa asɛm pa mma. Sɛ wɔyɛ saa a, ɛsɛe atiefoɔ no adwene.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.