Native Bible

2 Thessalonians 2:6 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Nanso, biribi na atwe no asɛn, na sɛ ɛberɛ no duru a, ɔbɛba.

2 Thessalonians 2:6 in English

2 Thessalonians 2:6 · Berean Standard Bible

And you know what is now restraining him, so that he may be revealed at the proper time.

Context

4Biribiara a nnipa som na wɔbu no kronkron no, ɔbɛtia mu. Ɔbɛkorɔn ne ho wɔ ne nyinaa so na wakɔtena Onyankopɔn asɔredan mu na waka sɛ ɔno ne Onyankopɔn. 5Monkae sɛ ɛberɛ a me ne mo wɔ hɔ no, na metaa ka yeinom nyinaa kyerɛ mo. 6Nanso, biribi na atwe no asɛn, na sɛ ɛberɛ no duru a, ɔbɛba. 7Ɔbɔnefoɔ no di ne dwuma dada na deɛ ɛbɛba no remma da gye sɛ wɔayi deɛ ɔkura ne mu no afiri hɔ. 8Ɛno ansa na ɔbɔnefoɔ no bɛba, na Awurade Yesu nam nʼanom home so bɛtu no agu, na ɔde ne ba a ɔbɛba no mu animuonyam asɛe no.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.