2 Tesalonikafoɔ 2:4
2 Thessalonians 2:4 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Biribiara a nnipa som na wɔbu no kronkron no, ɔbɛtia mu. Ɔbɛkorɔn ne ho wɔ ne nyinaa so na wakɔtena Onyankopɔn asɔredan mu na waka sɛ ɔno ne Onyankopɔn.
2 Thessalonians 2:4 in English
2 Thessalonians 2:4 · Berean Standard Bible
He will oppose and exalt himself above every so-called god or object of worship. So he will seat himself in the temple of God, proclaiming himself to be God.
Context
2mommma mo adwene mu nnyɛ mo nnaa sɛ ɛda a Awurade reba no aduru. Ebia, na obi rehyɛ saa nkɔm no anaa obi foforɔ nso gyina so reka asɛm. Anaasɛ nso wɔka sɛ yɛn nwoma a yɛtwerɛeɛ no bi mu na saa asɛm no wɔ. 3Mommma obiara nnaadaa mo saa ɛkwan yi so. Saa Ɛda no remma da gye sɛ atuateɛ a ɛtwa toɔ no aba ama wɔada ɔbɔnefoɔ no a ɔbɛkɔ daa ɔsɛeɛ mu no adi. 4Biribiara a nnipa som na wɔbu no kronkron no, ɔbɛtia mu. Ɔbɛkorɔn ne ho wɔ ne nyinaa so na wakɔtena Onyankopɔn asɔredan mu na waka sɛ ɔno ne Onyankopɔn. 5Monkae sɛ ɛberɛ a me ne mo wɔ hɔ no, na metaa ka yeinom nyinaa kyerɛ mo. 6Nanso, biribi na atwe no asɛn, na sɛ ɛberɛ no duru a, ɔbɛba.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.