2 Samuel 8:14
Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Ɔde akodɔm bansifoɔ siisii Edom nyinaa ano. Na Edomfoɔ nyinaa bɛyɛɛ Dawid nkoa. Yei yɛ nhwɛsoɔ foforɔ a ɛkyerɛɛ nkonim a Awurade maa Dawid dii no baabiara a ɔkɔeɛ no.
2 Samuel 8:14 in English
2 Samuel 8:14 · Berean Standard Bible
He placed garrisons throughout Edom, and all the Edomites were subject to David. So the LORD made David victorious wherever he went.
Context
12Saa aman no ne Edom, Moab, Amon, Filistia, Amalek ne deɛ ɛfiri Sobahene Rehob babarima Hadadeser nkyɛn nso. 13Yei maa Dawid gyee edin. Ɔsane nʼakyi kɔeɛ no, ɔkunkumm Edomfoɔ mpem dunwɔtwe wɔ Nkyene Bɔnhwa mu. 14Ɔde akodɔm bansifoɔ siisii Edom nyinaa ano. Na Edomfoɔ nyinaa bɛyɛɛ Dawid nkoa. Yei yɛ nhwɛsoɔ foforɔ a ɛkyerɛɛ nkonim a Awurade maa Dawid dii no baabiara a ɔkɔeɛ no. 15Dawid dii Israel nyinaa so ɔhene, na ɔne obiara tenaa yie. 16Seruia babarima Yoab na na ɔyɛ ɔsafohene. Ahilud babarima Yehosafat na na ɔyɛ adehyeɛ abakɔsɛmtwerɛni.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.