Native Bible

Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Yei maa Dawid gyee edin. Ɔsane nʼakyi kɔeɛ no, ɔkunkumm Edomfoɔ mpem dunwɔtwe wɔ Nkyene Bɔnhwa mu.

2 Samuel 8:13 in English

2 Samuel 8:13 · Berean Standard Bible

And David made a name for himself when he returned from striking down eighteen thousand Edomites * in the Valley of Salt.

Context

11Ɔhene Dawid too akyɛdeɛ no nyinaa din de maa Awurade a, dwetɛ ne sikakɔkɔɔ a ɔnya firii aman bi a ɔdii wɔn so no nyinaa ka ho. 12Saa aman no ne Edom, Moab, Amon, Filistia, Amalek ne deɛ ɛfiri Sobahene Rehob babarima Hadadeser nkyɛn nso. 13Yei maa Dawid gyee edin. Ɔsane nʼakyi kɔeɛ no, ɔkunkumm Edomfoɔ mpem dunwɔtwe wɔ Nkyene Bɔnhwa mu. 14Ɔde akodɔm bansifoɔ siisii Edom nyinaa ano. Na Edomfoɔ nyinaa bɛyɛɛ Dawid nkoa. Yei yɛ nhwɛsoɔ foforɔ a ɛkyerɛɛ nkonim a Awurade maa Dawid dii no baabiara a ɔkɔeɛ no. 15Dawid dii Israel nyinaa so ɔhene, na ɔne obiara tenaa yie.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.