2 Samuel 6:4
Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
a na Onyankopɔn Adaka no si mu no kwan. Na Ahio na ɔdi animu.
2 Samuel 6:4 in English
2 Samuel 6:4 · Berean Standard Bible
bringing with it the ark of God.* And Ahio was walking in front of the ark.
Context
2Ɔdii wɔn anim firi Baala a ɛwɔ Yuda, sɛ wɔrekɔfa Onyankopɔn Adaka a ɛkura Awurade Otumfoɔ no a wɔde no asi Kerubim ntam no din. 3Wɔde Onyankopɔn Adaka no sii teaseɛnam foforɔ so, de firii Abinadab fie a na ɛwɔ bepɔ so no baeɛ. Usa ne Ahio a na wɔyɛ Abinadab mmammarima no na na wɔkyerɛ teaseɛnam foforɔ no 4a na Onyankopɔn Adaka no si mu no kwan. Na Ahio na ɔdi animu. 5Dawid ne Israel manfoɔ gyee wɔn ani wɔ Awurade anim wɔ ahoɔden so a wɔreto nnwom, na wɔde nsankuo, bɛnta, akasaeɛ, mfirikyiwa ne kyankyan nenam mu. 6Na wɔduruu Nakon ayuporobea no, nantwie no nan totoeɛ, maa Usa tenee ne nsa sɔɔ Onyankopɔn Adaka no mu sɛ ɔretene no.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.