2 Samuel 3:33
Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Afei, ɔhene too saa kwadwom yi maa Abner: “Ɛsɛ sɛ Abner wu sɛdeɛ nkwaseafoɔ wuo anaa?
2 Samuel 3:33 in English
2 Samuel 3:33 · Berean Standard Bible
And the king sang this lament for Abner: “Should Abner die the death of a fool?
Context
31Na Dawid ka kyerɛɛ Yoab ne nnipa a wɔka ne ho no nyinaa sɛ, “Monsunsuane mo ntoma mu, na momfira ayitoma. Montwa Abner agyaadwoɔ.” Na ɔhene Dawid ankasa dii santen a wɔato no akyi, kɔɔ ɛda no so. 32Wɔsiee Abner wɔ Hebron, na ɔhene Dawid ne nnipa no nyinaa suu wɔ ne damena no ho. 33Afei, ɔhene too saa kwadwom yi maa Abner:
“Ɛsɛ sɛ Abner wu sɛdeɛ nkwaseafoɔ wuo anaa? 34Wɔankyekyere wo nsa;
wɔangu wo nan nkɔnsɔnkɔnsɔn.
Dabi, wɔdii wo awu;
amumuyɛfoɔ atirimpɔ so adeɛ.”
Nnipa no nyinaa suu Abner bio. 35Ɛda a wɔreyɛ ayie no, Dawid annidi da mu no nyinaa, maa afei, obiara srɛɛ no sɛ ɔnnidi. Nanso, na Dawid aka ntam sɛ, “Sɛ medidi ansa na owia akɔtɔ a, Onyankopɔn nku me.”
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.