2 Samuel 2:9
Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Ɛhɔ na ɔsii Is-Boset ɔhene wɔ Gilead, Yesreel, Efraim, Benyamin, Asurifoɔ* asase ne Israel nyinaa so.
2 Samuel 2:9 in English
2 Samuel 2:9 · Berean Standard Bible
and made him king over Gilead, Asher, Jezreel, Ephraim, and Benjamin—over all Israel.
Context
7Afei a Saulo awu yi, mepɛ sɛ mobɛyɛ mʼasomfoɔ nokwafoɔ sɛ Yudafoɔ a wɔasra me ngo sɛ menni wɔn so ɔhene no.” 8Na Ner babarima Abner a na ɔyɛ Saulo safohene wɔ nʼakodɔm so ne Saulo babarima Is-Boset kɔɔ Mahanaim. 9Ɛhɔ na ɔsii Is-Boset ɔhene wɔ Gilead, Yesreel, Efraim, Benyamin, Asurifoɔ* asase ne Israel nyinaa so. 10Ɛberɛ a Is-Boset dii adeɛ no, na wadi mfirinhyia aduanan, na ɔdii adeɛ firi Mahanaim mfeɛ mmienu. Na Yuda abusuakuo no dii Dawid nokorɛ. 11Dawid yɛɛ Hebron ne kuropɔn. Na ɔdii Yuda so ɔhene mfirinhyia nson ne fa.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.