Native Bible

Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Dawid yɛɛ Hebron ne kuropɔn. Na ɔdii Yuda so ɔhene mfirinhyia nson ne fa.

2 Samuel 2:11 in English

2 Samuel 2:11 · Berean Standard Bible

And the length of time that David was king in Hebron over the house of Judah was seven years and six months.

Context

9Ɛhɔ na ɔsii Is-Boset ɔhene wɔ Gilead, Yesreel, Efraim, Benyamin, Asurifoɔ* asase ne Israel nyinaa so. 10Ɛberɛ a Is-Boset dii adeɛ no, na wadi mfirinhyia aduanan, na ɔdii adeɛ firi Mahanaim mfeɛ mmienu. Na Yuda abusuakuo no dii Dawid nokorɛ. 11Dawid yɛɛ Hebron ne kuropɔn. Na ɔdii Yuda so ɔhene mfirinhyia nson ne fa. 12Ɛda koro bi, Abner dii Is-Boset akodɔm anim, firi Mahanaim kɔɔ Gibeon. 13Saa ɛberɛ korɔ no ara mu, Seruia babarima Yoab nso dii Dawid akodɔm anim, firi Hebron na wɔhyiaa Abner wɔ Gibeon ɔtadeɛ ho. Akuo mmienu no tenatenaa ase a na wɔdi nhwɛanimu.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.