2 Samuel 2:17
Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Afei, akodɔm mmienu no de ɔko hyehyɛɛ so, na saa da no baa awieeɛ no, na Dawid akodɔm no adi Abner ne Israel so nkonim.
2 Samuel 2:17 in English
2 Samuel 2:17 · Berean Standard Bible
The battle that day was intense, and Abner and the men of Israel were defeated by the servants of David.
Context
15Enti, wɔyii mmarima dumienu firii ekuo biara mu sɛ wɔnni wɔn ho ako. 16Obiara sɔɔ ne tiafoɔ tirinwi mu, de nʼakofena wowɔɔ wɔn ho, maa wɔn nyinaa wuwuiɛ. Enti, wɔfrɛ atɔeɛ mu hɔ sɛ Akofena Afuo de bɛsi ɛnnɛ. 17Afei, akodɔm mmienu no de ɔko hyehyɛɛ so, na saa da no baa awieeɛ no, na Dawid akodɔm no adi Abner ne Israel so nkonim. 18Na Yoab, Abisai ne Asahel a wɔyɛ Seruia mmammarima baasa no ka Dawid akodɔm no ho saa da no. Na Asahel tu mmirika te sɛ ɔforoteɛ, 19na ɔpamoo Abner ara sɛ, ɔbɛkyere no.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.