Native Bible

Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Enti, wɔyii mmarima dumienu firii ekuo biara mu sɛ wɔnni wɔn ho ako.

2 Samuel 2:15 in English

2 Samuel 2:15 · Berean Standard Bible

So they got up and were counted off—twelve for Benjamin and Ish-bosheth son of Saul, and twelve for David.

Context

13Saa ɛberɛ korɔ no ara mu, Seruia babarima Yoab nso dii Dawid akodɔm anim, firi Hebron na wɔhyiaa Abner wɔ Gibeon ɔtadeɛ ho. Akuo mmienu no tenatenaa ase a na wɔdi nhwɛanimu. 14Afei, Abner susuu ho kyerɛɛ Yoab sɛ, “Ma yɛmfa yɛn akofoɔ no mu kakra, na wɔmfa wɔn nsa nni ako nyɛ oyikyerɛ.” Yoab penee so kaa sɛ, “Wɔnsɔre nko ɛ.” 15Enti, wɔyii mmarima dumienu firii ekuo biara mu sɛ wɔnni wɔn ho ako. 16Obiara sɔɔ ne tiafoɔ tirinwi mu, de nʼakofena wowɔɔ wɔn ho, maa wɔn nyinaa wuwuiɛ. Enti, wɔfrɛ atɔeɛ mu hɔ sɛ Akofena Afuo de bɛsi ɛnnɛ. 17Afei, akodɔm mmienu no de ɔko hyehyɛɛ so, na saa da no baa awieeɛ no, na Dawid akodɔm no adi Abner ne Israel so nkonim.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.