Native Bible

Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Na Kusni no bɛduruiɛ kaa sɛ, “Me wura, Nana, tie asɛm pa a mede nam! Ɛnnɛ, Awurade ayi wo afiri wɔn a wɔsɔre tiaa wo no nyinaa nsam.”

2 Samuel 18:31 in English

2 Samuel 18:31 · Berean Standard Bible

Just then the Cushite came and said, “May my lord the king hear the good news: Today the LORD has avenged you of all who rose up against you!”

Context

29Ɔhene bisaa sɛ, “Na aberanteɛ, Absalom ho yɛ anaa?” Ahimaas buaa sɛ, “Ɛberɛ a Yoab yɛɛ nʼadwene sɛ ɔpɛ sɛ ɔsoma ɔhene ɔsomfoɔ ne me wo ɔsomfoɔ no, mehunuu sɛ nneɛma ayɛ basaa a na menhunu mu yie.” 30Ɔhene ka kyerɛɛ no sɛ, “Gyina nkyɛn ha na twɛn.” Enti, ɔgyinaa nkyɛn twɛnee. 31Na Kusni no bɛduruiɛ kaa sɛ, “Me wura, Nana, tie asɛm pa a mede nam! Ɛnnɛ, Awurade ayi wo afiri wɔn a wɔsɔre tiaa wo no nyinaa nsam.” 32Na ɔhene bisaa Kusni no sɛ, “Na aberanteɛ Absalom ho te sɛn?” Kusni no buaa sɛ, “Me wura ɔhene, atamfoɔ nyinaa ne wɔn a wɔsɔre tia wo, pɛ sɛ wɔyɛ wo bɔne no, nhunu amane sɛ saa aberanteɛ no.” 33Ɔhene ho wosoeɛ. Ɔfaa ɛkwan ano ɛpono no mu kɔɔ ne dan mu kɔsuiɛ, twaa adwo. Ɔrekɔ no, ɔkaa sɛ, “Ao, me ba Absalom! Me ba, me ba Absalom! Anka menwu nnya wo! Ao, Absalom, me ba, me ba!”

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.