Native Bible

Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Ɔhene ho wosoeɛ. Ɔfaa ɛkwan ano ɛpono no mu kɔɔ ne dan mu kɔsuiɛ, twaa adwo. Ɔrekɔ no, ɔkaa sɛ, “Ao, me ba Absalom! Me ba, me ba Absalom! Anka menwu nnya wo! Ao, Absalom, me ba, me ba!”

2 Samuel 18:33 in English

2 Samuel 18:33 · Berean Standard Bible

The king was shaken and went up to the gate chamber and wept. And as he walked, he cried out, “O my son Absalom! My son, my son Absalom! If only I had died instead of you, O Absalom, my son, my son!”

Context

31Na Kusni no bɛduruiɛ kaa sɛ, “Me wura, Nana, tie asɛm pa a mede nam! Ɛnnɛ, Awurade ayi wo afiri wɔn a wɔsɔre tiaa wo no nyinaa nsam.” 32Na ɔhene bisaa Kusni no sɛ, “Na aberanteɛ Absalom ho te sɛn?” Kusni no buaa sɛ, “Me wura ɔhene, atamfoɔ nyinaa ne wɔn a wɔsɔre tia wo, pɛ sɛ wɔyɛ wo bɔne no, nhunu amane sɛ saa aberanteɛ no.” 33Ɔhene ho wosoeɛ. Ɔfaa ɛkwan ano ɛpono no mu kɔɔ ne dan mu kɔsuiɛ, twaa adwo. Ɔrekɔ no, ɔkaa sɛ, “Ao, me ba Absalom! Me ba, me ba Absalom! Anka menwu nnya wo! Ao, Absalom, me ba, me ba!”

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.