2 Samuel 18:16
Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Na Yoab hyɛnee totorobɛnto, maa akodɔm no gyaee Israel so taa.
2 Samuel 18:16 in English
2 Samuel 18:16 · Berean Standard Bible
Then Joab blew the ram’s horn, and the troops broke off their pursuit of Israel because Joab had restrained them.
Context
14Yoab kaa sɛ, “Saa nkwaseasɛm yi ayɛ yie.” Enti, ɔtwee mpɛmɛ mmiɛnsa de wowɔɔ Absalom akoma mu ɛberɛ a na ɔsensɛn odum no so a na ɔnwuiɛ no. 15Yoab akodeɛkurafoɔ no mu mmeranteɛ edu twaa Absalom ho hyiaeɛ, na wɔkumm no. 16Na Yoab hyɛnee totorobɛnto, maa akodɔm no gyaee Israel so taa. 17Wɔfaa Absalom amu no to twenee amena donkudonku bi mu wɔ kwaeɛ mu hɔ, na wɔsoaa abotan guu ne so. Na Israelfoɔ no nyinaa dwane kɔɔ wɔn afie. 18Ɛberɛ a Absalom te ase no, ɔsii nkaeɛdum bi wɔ ɔhene bɔnhwa mu de kaee ɔno ara ne ho, ɛfiri sɛ, ɔdwenee sɛ, “Menni ɔbabarima biara a ɔbɛyɛ nkaedeɛ biara de akae me din.” Ɔde nkaeɛdum no too ne ho, na wɔfrɛ no Absalom Nkaeɛdum de bɛsi ɛnnɛ.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.