Native Bible

Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Nanso abarimaa bi hunuu wɔn sɛ wɔrefiri En-Rogel akɔ Dawid nkyɛn enti, ɔkɔka kyerɛɛ Absalom. Na wɔdwane kɔɔ Bahurim, maa ɔbarima bi de wɔn kɔsiee abura bi a ɛwɔ nʼadihɔ mu.

2 Samuel 17:18 in English

2 Samuel 17:18 · Berean Standard Bible

But a young man did see them and told Absalom. So the two left quickly and came to the house of a man in Bahurim. He had a well in his courtyard, and they climbed down into it.

Context

16Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Ntɛm! Monkɔhwehwɛ Dawid, na monka nkyerɛ no sɛ, ɔnntena Asubɔnten Yordan aworɔso hɔ anadwo yi. Ɛsɛ sɛ ɔtwa kɔ ɛserɛ no so akyi, anyɛ saa a, ɔne nʼakodɔm nyinaa bɛwuwu.” 17Yonatan ne Ahimaas tenaa En-Rogel, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, wɔrenkɔ kuro no mu na wɔnnsane mpue. Na wɔayɛ nhyehyɛeɛ bi sɛ abaawa bi de nkra a ɛsɛ sɛ wɔde kɔma ɔhene Dawid no bɛbrɛ wɔn. 18Nanso abarimaa bi hunuu wɔn sɛ wɔrefiri En-Rogel akɔ Dawid nkyɛn enti, ɔkɔka kyerɛɛ Absalom. Na wɔdwane kɔɔ Bahurim, maa ɔbarima bi de wɔn kɔsiee abura bi a ɛwɔ nʼadihɔ mu. 19Ɔbarima no yere de ntoma hataa abura no so, de atokoɔ guu so te sɛ deɛ ɔrehata no awia so, na obiara ansusu sɛ nnipa hyɛ abura no mu. 20Ɛberɛ a Absalom mmarima no duruu hɔ no, wɔbisaa ɔbaa no sɛ, “Woahunu Ahimaas ne Yonatan anaa?” Ɔbuaa wɔn sɛ, “Na wɔwɔ ha deɛ, nanso wɔatwa asuwa no kɔ.” Absalom mmarima no hwehwɛɛ wɔn, nanso wɔanhunu wɔn enti, wɔsane kɔɔ Yerusalem.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.