2 Samuel 14:3
Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Na kɔ ɔhene nkyɛn kɔka asɛm a merebɛka akyerɛ wo yi kyerɛ no.” Na Yoab kaa asɛm a ɔpɛ sɛ ɔbaa no kɔka no kyerɛɛ no.
2 Samuel 14:3 in English
2 Samuel 14:3 · Berean Standard Bible
Then go to the king and speak these words to him.” And Joab put the words in her mouth.
Context
1Na Yoab hunuu sɛ ɔhene pɛ sɛ ɔhunu Absalom. 2Enti, ɔsoma ma wɔkɔɔ Tekoa kɔfaa ɔbaa nyansafoɔ bi a wagye edin yie brɛɛ no. Yoab ka kyerɛɛ no sɛ, “Hyɛ da yɛ wo ho sɛ wowɔ ayie mu, na fira ayitoma. Nnware anaa mfa aduhwam mpete wo ho nso. Yɛ wo ho sɛ ɔbaa a wadi awerɛhoɔ nna bebree. 3Na kɔ ɔhene nkyɛn kɔka asɛm a merebɛka akyerɛ wo yi kyerɛ no.” Na Yoab kaa asɛm a ɔpɛ sɛ ɔbaa no kɔka no kyerɛɛ no. 4Na Tekoani baa no duruu ɔhene no anim no, ɔhwee fam de nʼanim butuu fam teaam sɛ, “Ao Nana! Boa me!” 5Ɔhene no bisaa no sɛ, “Ɛyɛ asɛm bɛn?”
Ɔbuaa no sɛ, “Meyɛ okunafoɔ.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.