Native Bible

Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Na Tekoani baa no duruu ɔhene no anim no, ɔhwee fam de nʼanim butuu fam teaam sɛ, “Ao Nana! Boa me!”

2 Samuel 14:4 in English

2 Samuel 14:4 · Berean Standard Bible

When the woman from Tekoa went to the king, she fell facedown in homage and said, “Help me, O king!”

Context

2Enti, ɔsoma ma wɔkɔɔ Tekoa kɔfaa ɔbaa nyansafoɔ bi a wagye edin yie brɛɛ no. Yoab ka kyerɛɛ no sɛ, “Hyɛ da yɛ wo ho sɛ wowɔ ayie mu, na fira ayitoma. Nnware anaa mfa aduhwam mpete wo ho nso. Yɛ wo ho sɛ ɔbaa a wadi awerɛhoɔ nna bebree. 3Na kɔ ɔhene nkyɛn kɔka asɛm a merebɛka akyerɛ wo yi kyerɛ no.” Na Yoab kaa asɛm a ɔpɛ sɛ ɔbaa no kɔka no kyerɛɛ no. 4Na Tekoani baa no duruu ɔhene no anim no, ɔhwee fam de nʼanim butuu fam teaam sɛ, “Ao Nana! Boa me!” 5Ɔhene no bisaa no sɛ, “Ɛyɛ asɛm bɛn?” Ɔbuaa no sɛ, “Meyɛ okunafoɔ. 6Me mma baanu kɔdii ako wɔ akono. Na ɛsiane sɛ na obiara nni hɔ a ɔbɛpata ɔko no enti, wɔkumm wɔn mu baako.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.